No. 491
Sɔhwɛ Bere Mu N
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɔhwɛ bere mu no, Yesu, srɛ ma me, Na manyi Wo amma Manfi Wo n-kyɛn; Wuhu sɛ mehim a, Fa ɔhwɛ frɛ me; Ehu anaa 'dom mu, Mma menhwe ase.
Verse 2
Sɛ wiase 'huhude, 'Nigye a ɛmfra, Ne 'gyapade bɔne Sɔre tia me a, Ɛtwe m'adwene si Getsemane yaw Anaasɛ ne nsɛso Kalbre 'sɛnnua so.
Verse 3
Sɛ Wo mmɔborɔhun' De ɔhaw brɛ me; Anaasɛ yaw to me Wɔ me kwan so a, Mma me werɛ mmfi da Sɛ mehu Wo nsa; Ma memfa m'ahiade N-to Wo so daa.
English Lyrics
Verse 1
In the hour of trial, Jesus, plead for me, Lest by base denial I depart from Thee; When Thou see'st me waver, With a look recall, Nor, for fear or favor Suffer me to fall.
Verse 2
With forbidden pleasuresbWould this vain world charm; Or its sordid treasures Spread to work me harm; Bring to my remembrance Sad Gethsemane, Or, in darker semblance, Cross-crowned Calvary.
Verse 3
Should Thy mercy send me Sorrow, toil, and woe, Or should pain attend me On my path below, Grant that I may never fail Thy hand to see; Grant that I may ever Cast my care on Thee.