No. 501
Mpaebɔ B'Re Pa No
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mpaebɔ b're pa no b're a yɛn koma brɛ ase, Na yebom hyia Yesu, yɛn 'Gyenkwa ne yɔnko; Sɛ yɛba Ne nkyɛn gyidim' a yenya Ne banbɔ. Ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
Chorus
Mpaebɔ b're pa no, Mpaebɔ b're pa no; Ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
Verse 2
Mpaebɔ b're pa no, b're a Agyenkwa no twiw bɛn, Na Ɔde ayamhyehye betie Ne mma no; Ɔka sɛ yɛnto haw biara ngu Ne nan ase; Ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
Verse 3
Mpaebɔ b're pa no, b're a wɔn a wɔahyia sɔhwɛ Bɛka wɔn yaw aky'rɛ 'Gyenkwá a Ɔdɔ wɔn no Ɔde atenka koma yi haw biara fi hɔ; Ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
Verse 4
Mpaebɔ b're pa yim' no, yɛtwer' No a` yɛgye di Sɛ yɛn nsa bɛka nhyira a yɛhia nyinaa 'Hotɔso pa yi mu no, yɛn haw biara bɛy'ra Ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
English Lyrics
Verse 1
'Tis the blessed hour of prayer, when our hearts lowly bend, And we gather to Jesus, our Savior and Friend; If we come to Him in faith, His protection to share, What a balm for the weary! O how sweet to be there
Chorus
Blessed hour of prayer, Blessed hour of prayer, What a balm for the weary! O how sweet to be there!
Verse 2
'Tis the blessed hour of prayer, when the Savior draws near, With a tender compassion His children to hear; When He tells us we may cast at His feet every care, What a balm for the weary! O how sweet to be there!
Verse 3
'Tis the blessed hour of prayer, when the tempted and tried To the Savior Who loves them their sorrow confide; With a sympathizing heart He removes every care; What a balm for the weary, O how sweet to be there!
Verse 4
At the blessed hour of prayer, trusting Him, we believe That the blessing we're needing we'll surely receive; In the fullness of the trust we shall lose every care; What a balm for the weary, O how sweet to be there!