No. 506
Yɛn Nyame Ne Abankɛse
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛn Nyame ne abankɛse Kyɛm a enni huammɔ da; Yɛn boafo a yɛwɔ ne No, Adasamma nsuy'ri mu, Yɛn tamfo dedaw no Hwehwɛ mmusu ara, N'adwen ne tumi so, N'abufuw ne nitan, Obi nsɛ no 'sase so.
Verse 2
Yɛn ankasa 'hoɔden mu no, Yɛn ap'redi bɛyɛ kwa, Barima pa bi wɔ y'afa Onyame na Ɔpaw No; Wubisa Onniko Ɔne Kristo Yesu, Aw'rade Sabaot, Mfesanten: Ɔsankra; Na etwa sɛ Odi nim.
Verse 3
Ahonhom fi hyɛ wiase ma Repɛ yɛn amene a Yɛrensuro, Nyame ama N'asɛm nam yɛn so di nim; Sum hen' no fa 'bufuw, Yɛn ho rempo N'anim; Yebegyina pintinn, 'Fisɛ ne sɛe reba; Asɛm k'ro beyi n'ahwe.
Verse 4
Asɛm a ɛtra 'sase so Tum' biara no tim hɔ daa; Honhom ne 'kyɛde no wɔ yɛn, Nea Ɔwɔ y'afa no mu. Ahode, abusua, Ne nkwa tiawa yi nkɔ; Wokum yɛn honam a, Nyame` asɛm tim hɔ daa, N'ahenni tim hɔ daapem.
English Lyrics
Verse 1
A mighty fortress is our God, A bulwark never failing; Our helper He amid the flood Of mortal ills prevaling. For still our ancient foe Doth seek to work us woe; His craft and power are great, And armed with cruel hate, On earth is not his equal.
Verse 2
Did we in our own strength confide, Our striving would be losing, Were not the right man on our side, The man of God's own choosing. Dost ask who that may be? Christ Jesus, it is He; Lord Sabbaoth, His name, From age to age the same, And He must win the battle.
Verse 3
And though this world, with devils filled, Should threaten to undo us, We will not fear, for God hath willed His truth to triumph through us. The Prince of Darkness grim, We tremble not for him; His rage we can endure, For lo, his doom is sure; One little word shall fell him.
Verse 4
That word above all earthly powers, No thanks to them, abideth; The Spirit and the gifts are ours, Thru him who with us sideth. Let goods and kindred go, This mortal life also; The body they may kill; God's truth abideth still; His kingdom is forever.