No. 514
Yɛn Nkwa Wura Ne Yɛn
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛn nkwa Wura ne yɛn nkwagye Nyankopɔn, 'Nadwo ns'romma ne aman anidaso; Yɛ aso na tie W'asafo adesrɛ, 'Tumfo Nyankopɔn.
Verse 2
Woboa faako` a wiase akobe ntumi, Wutum' gye nkwa b're` a bɔn' huhu hyɛ yɛn so 'Wura, owu rentum' nny'na Wo botan so, Ma yɛn W'asomdwoe.
Verse 3
Ma yɛn komam 'somdwoe wɔ 'dwemmɔne so, Ma 'somdwoe wɔ 'nuanom ntam W'asafo mu, Ma 'somdwoe bre` a wiase redi ako yi, 'Gyenkwa, soma yɛn.
Verse 4
Boa yɛn kosi sɛ yɛbɛpam tamfo no, Fa Wo nokwar' ma wɔn na wɔanya faf'ri; Ma 'sase yi 'somdwoe, na yɛko wie a YɛanyaW' s'ro de no.
English Lyrics
Verse 1
Lord of our life, and God of our salvation, Star of our night, and Hope of every nation, Hear and receive thy church's supplication, Lord God Almighty.
Verse 2
Lord, Thou canst help when earthly armor faileth; Lord, Thou canst save when deadly sin assaileth; Lord, o'er Thy rock nor death nor hell prevaileth; Grant us Thy peace, Lord.
Verse 3
Peace, in our hearts, our evil thoughts assuaging, Peace, in Thy church, where brothers are engaging, Peace, when the world its busy war is waging; Calm thy foes raging!
Verse 4
Grant us Thy help till backward they are driven; Grant them Thy truth, that they may be forgiven; Grant peace on earth, and after we have striven, Peace in Thy heaven.