No. 520
M'Aw'Rade Yesu Yɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
M'Aw'rade Yesu Yɛ 'Gyenkwa nwanwani, Ɔyɛ 'Gyenkwa nwanwani mam' Ɔde me kra sie botan no tok'ru mu Nea mihu 'hom'ka nsubɔnten.
Chorus
Ɔde me kra sie botan a ɛkata 'Sase wesee so no tok'rum, Ɔde me nkwa sie Ne dɔ bun' no ase. De Ne nsa kata me so hɔ. De Ne nsa kata me so hɔ.
Verse 2
M'Aw'rade Yesu yɛ 'Gyenkwa nwanwani, Oyi m'adesoa nyinaa hɔ; Okura me mu na merenhinhim da, Ɔma me 'hoɔden sɛ 'dekyee.
Verse 3
Ɔma nhyira bu so bere biara mu, Na b're` a manya Ne s'ro mayɛ Meto dwom 'nigyem sɛ 'nuonyam nka Nyame, Gyefo a manya No yi nti.
Verse 4
B're` a mifura Ne hann, na dɛw mu mef'ro Kohyia No mununkum mu no, Me ne mpempem bɛbo 'se Ne nkwagye pa Ne Ne dɔ nwanwaso no ho.
English Lyrics
Verse 1
A wonderful Savior is Jesus my Lord, A wonderful Savior to me, He hideth my soul in the cleft of the rock, Where rivers of pleasure I see.
Chorus
He hideth my soul in the cleft of the rock That shadows a dry, thirsty land; He hideth my life in the depths of His love, And cover me there with His hand, And covers me there with His hand.
Verse 2
A wonderful Savior is Jesus my Lord, He taketh my burden away, He holdeth me up, and I shall not be moved, He giveth me strength as my day.
Verse 3
With numberless blessings each moment He crown, And filled with His fullness divine, I sing in my rapture, O glory to God For such a Redeemer as mine.
Verse 4
When clothed in His brightness, transported I rise To meet Him in clouds of the sky, His perfect salvation, His wonderful love, I'll shout with the millions on high.