No. 53
Nyame, Miyi W'Ayɛ 'Nadwo 'I
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame, miyi W'ayɛ 'nadwo 'i, Adekyee mu nhy'ra nyinaa nti; Fa me sie, ahen' mu Hene, Wɔ Wo ntaban kɛsɛ n' ase!
Verse 2
'Wura, fa me bɔne kyɛ me Nnɛ da yim', Wo dɔ Ba no nti; Na me ne wiase ne Wo ntam Ayɛ dwoo ansa na mada.
Verse 3
O, ma me kra nhome Wo mu, Na m'ani nkata nna pa mu; Nna a ɛbɛma me 'hoɔden, Na masɔre asom Nyame.
Verse 4
'Domfo Nyame, munyi N'ayɛ Asase mma, munyi N'ayɛ Ɔs'ro dɔm, munyi No ayɛ; Agya, 'Ba, ne Honhom Kronkron.
English Lyrics
Verse 1
All praise to Thee, my God this night, For all the blessings of the light! Keep me, O keep me, King of Kings, Beneath Thine own almighty wings.
Verse 2
Forgive me, Lord, for Thy dear Son, The ill that I this day have done, That with the world, myself, and Thee, I, ere I sleep, at peace may be.
Verse 3
O may my soul on The repose; And vith sweet sleep mine eyelids close, Sleep, that may me more vigorous make To serve my God when I awake.
Verse 4
Praise God, from whom all blessings flow; Praise Him, all creatures here below; Praise Him above, ye heavenly host; Praise Father, Son, and Holy Ghost