No. 537
Ɔky'Rɛ Me Kwan! Anigyesɛm!
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ɔky'rɛ me kwan! Anigyesɛm! O, nsɛm a soro dɛw wɔ mu! Nea meyɛ ne nea mekɔ ny'naa, Nyame nsa da so ky'rɛ me kwan.
Chorus
Ɔky'rɛ me kwan, Ɔky'rɛ me kwan, N'ankasa nsa n'ɛky'rɛ me kwan; Mɛyɛ Ne kyidifo ampa, 'Fisɛ Nyame nsa ky'rɛ me kwan.
Verse 2
Tɔ da bi a, sum kabii mu, Tɔ da bi a, Eden nhw'ren mu; Nsu tɛm dinn oo, ahum tu oo, Ne nsa no da so ky'rɛ me kwan.
Verse 3
'Wura mɛsɔ Wo nsa no mu, Na merennwiinwii, nni nkɔmmɔ Mɛyɛ komm ade nyinaa mu, 'Fisɛ Nyame nsa ky'rɛ me kwan.
Verse 4
Sɛ miwie me fam' ha 'dwuma, Sɛ Wo dom nti midi nkonim Owu nsam mpo, merensuro, Yordan mu, Nyame ky'rɛ me kwan.
English Lyrics
Verse 1
He leadeth me: O blessed thought! O words with heavenly comfort fraught! Whate'er I do, where'er I be, Still 'tis God's hand that leadeth me.
Chorus
He leadeth me, He leadeth me, By His own hand He leadeth me; His faithful follower I would be, For by His hand He leadeth me.
Verse 2
Sometimes mid scenes of deepest gloom, Sometimes where Eden's bowers bloom, By waters still, o'er troubled sea, Still 'tis His hand that leadeth me.
Verse 3
Lord, I would place my hand in Thine, Nor ever murmur nor repine; Content, whatever lot I see, Since 'tis my God that leadeth me.
Verse 4
And when my task on earth is done, When by thy grace the victory's won, E'en death's cold wave I will not flee, Since God through Jordan leadeth me.