No. 551
Yesu, 'Gyenkwa, Ky'Rɛ Me Kwan
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu, 'Gyenkwa, ky'rɛ me kwan Ɔbra po 's'rɔkye no ɔo; 'S'rɔkye` a minnim wɔ m'anim, Abo huhu ahintaw; Po so kwanky'rɛde fi Wo, Yesu, 'Gyenkwa, ky'rɛ me kwan.
Verse 2
Sɛ ɛna deda ne ba no, Saa na Woma po yɛ dinn; Po bagyabagya tie Wo, B're a Woka sɛ, “Yɛ komm!” Po so Hene nwanwafo, Yesu, 'Gyenkwa, ky'rɛ me kwan.
Verse 3
Sɛ merebɛn mpoano hɔ Na 's'rɔkye huhu no bɔ Me ne home no ntam a, Meda Wo koko mu no Ma mente sɛ Woka sɛ: “N-suro Medew' betwa.”
English Lyrics
Verse 1
Jesus, Savior, pilot me Over life's tempestuous sea; Unknown waves before me roll, Hiding rock and treacherous shoal. Chart and compass come from thee; Jesus, Savior, pilot me.
Verse 2
As a mother stills her child, Thou canst hush the ocean wild; Boisterous waves obey Thy will, When thou sayest to them, 'Be still!' Wondrous sovreign of the sea, Jesus, Savior, pilot me.
Verse 3
When at last I near the shore, And the fearful breakers roar 'xt me and the peaceful rest, Then, while leaning on thy breast, May I hear thee say to me, 'Fear not, I will pilot thee.'