No. 554
Ma Me Ne Wo Nnantew, Nyame
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ma me ne Wo nnantew, Nyame, Sɛ Henok nnantew tete no; Sɔ me nsa mmerɛw yi mu den; Na Wo ne me nni nkɔmmɔ pa; Sɛ mintumi nhu kwan no a, Yesu, ma me ne Wo nnante.
Verse 2
Me nko merentumi nnantew, Ahum no ano yɛ den wim', Wɔasunsum me af'ri apem, Atamfo apem retɛw me, Dwudwo po abufuw ano; Wura, ma me ne Wo nnantew.
Verse 3
Sɛ me nsa yi sɔ Wo mu a, 'Ha dɛw nyinaa mimmu no hwee; Metu me kwan aboɔd'ru mu Asɛnnua no frankaa n'ase; Kosi sɛ mehu Sion apon, 'Gyenkwa, ma me ne Wo nnantew.
English Lyrics
Verse 1
O let me walk with Thee, my God, As Enoch walked in days of old; Place Thou my trembling hand in Thine, And sweet communion with me hold; E'en though the path I may not see, Yet, Jesus, let me walk with Thee.
Verse 2
I cannot, dare not, walk alone; The tempest rages in the sky, A thousand snares beset my feet, A thousand foes are lurking nigh. Still Thou the raging of the sea, O Master! let me walk with Thee.
Verse 3
If I may rest my hand in Thine, I'll count the joys of earth but loss, And firmly, bravely journey on; I'll bear the banner of the cross Till Zion's glorious gates I see, Yet, Savior, let me walk with Thee.