No. 557
Mommra, Mo Asedafo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Momfa nnɔbae dwom mm'ra fie, Wɔaboa nnɔbae ny'naa ano, Ansa na 'pɛb're adu; Yɛn Bɔfo Nyankopɔn no Ma yɛn nea ehia yɛn ny'naa; Mommra Onyankopɔn fie Na monto nnɔbae ho dwom!
Verse 2
Yɛyɛ Nyame afuw a, Yɛsow N'ayeyi aba; Wogu awi pa ne wu`ra Enyin ma dɛw anaa yaw; Ahaban ne bɛtem pue Afei ɛyɛ awi pa; Afuw Wura, yɛsrɛ Wo, Ma yɛnyɛ aba pa nko!
Verse 3
Yɛn Nyankopɔn no bɛba De Ne nnɔbae akɔ fie; Da no Obeyi bɔne Ny'naa afi N'afuw no mu; Ɔbɛhyɛ N'abɔfo ma Wɔahyew aba bɔne no; Na wɔde awi pa no Akogu N'asan so daa.
Verse 4
Wo nkonim asafo bra Bɛto otwab're ho dwom; Wɔaboa nnɔbae ny'naa ano Afi yaw ne bɔne mu; Wɔatew wɔn ho kosi daa, Wɔbɛtra Nyame fie daa, Abɔfo mpem du, mommra Momfa 'nuonyam nnɔbae mm'ra.
English Lyrics
Verse 1
Come, ye thankful people, come, Raise the song of harvest home! All is safely gathered in, Ere the winter storms begin; God, our Maker, doth provide For our wants to be supplied; Come to God's own temple, come; Raise the song of harvest home!
Verse 2
We ourselves are God's own field, Fruit unto His praise to yield; Wheat and tares together sown, Unto joy or sorrow grown; First the blade and then the ear, Then the full corn shall appear; Grant, O harvest Lord, that we Wholesome grain and pure may be.
Verse 3
For the Lord our God shall come, And shall take His harvest home; From His field shall purge away All that doth offend, that day; Give His angels charge at last In the fire the tares to cast, But the fruitful ears to store In His garner evermore.
Verse 4
Then, the church triumphant, come, Raise the song of harvest home; All are safely gathered in, Free from sorrow, free from sin; There forever purified In God's garner to abide; Come, ten thousand angels, come, Raise the glorious harvest home!