No. 565
Asase Ahoɔfɛ Ne
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Asase ahoɔfe ne Ɔs'ro ntremu anuonyam, Ɔdɔ a etwa yɛn ho hyia Fi yɛn mmofraase no ati, Ade ny'naa W'ra, yɛde saa Ayeyi dwom yi brɛ Wo.
Verse 2
Nnipa dɔ mu anigye, Anuanom ne awofo, Fam nnamfo ne s'ro Yɔnko, Anigye pa horow nti, Ade ny'naa W'ra, yɛde saa Ayeyi dwom yi brɛ Wo.
Verse 3
Wo dɔ Ba no akyɛde, Ɔs'ro ho anidaso; Honhom no nkonimdi ne Ɔbra awiei 'henyɛw nti, Ade ny'naa W'ra yɛde saa Ayeyi dwom yi brɛ Wo.
English Lyrics
Verse 1
For the beauty of the earth, For the glory of the skies, For the love which from our birth Over and around us lies; Lord of all, to Thee we raise This our grateful song of praise.
Verse 2
For the joy of human love, Brother, sister, parent, child, Friends on earth and friends above, Pleasures pure and undefiled, Lord of all, to Thee we raise This our grateful song of praise.
Verse 3
For the gift of Thy dear Son, For the hope of heaven at last, For the Spirit's victory won, For the crown when life is past, Lord of all, to Thee we raise Songs of gratitude and praise.