No. 573
Mɛkɔ nea Wopɛ sɛ menkɔ, ‘Wura
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ebia na ɛnyɛ mmepɔ' atifi, Anaa po' a ɛreh'ru so; Ebia na ɛnyɛ ɔko ano, Na me ho behia me W'ra; Sɛ Ɔnam nne bɔkɔɔ mu frɛ me Kɔ akwan a minnim so' a, Mebua sɛ: ‘W'ra, Wokura me mu, Mɛkɔ nea Wose menkɔ.
Chorus
Mɛkɔ nea Wopɛ sɛ menkɔ, ‘Wura, Mmepɔ, ‘sase ne po so; Mɛka nea Wopɛ sɛ menka, Wura; Mɛyɛ nea Wopɛ sɛ menyɛ.
Verse 2
Ebia na ‘dɔ nsɛm bi wɔ hɔ nnɛ, A Yesu pɛ sɛ meka; ‘Bia na obi nam bɔne kwan so' a ɛsɛ sɛ mehwehwɛ no. Agyenkwa, sɛ Wubedi m'anim Wɔ ɔbra sum kwan no mu' a Me nne bɛka' asɛm dɛdɛ yi sɛ, Mɛka nea Wose menka.
Verse 3
Baabi a enni mu bi wɔ fam ha Otwa' afuw nom' a mede N&-kwa nna tiaa bɛyɛ adwuma Ama Yesu' a wɔsɛn Non'. ‘Nti mede m'ade ny'inaa hyɛ wo nsa, Minim sɛ Wodɔ me' ampa! Mede me koma bɛyɛ Wo pɛ Mɛyɛ sɛnea Wohwehwɛ.
English Lyrics
Verse 1
It may not be on the mountain's height, Or over the stormy sea; It may not be at the battle's front My Lord will have need of me; But if by a still, small voice He calls to paths I do not know, I'll answer, dear Lord, with my hand in Thine, I'll go where You want me to go.
Chorus
I'll go where You want me to go, dear Lord, O'er mountain, or plain, or sea; I'll say what You want me to say, dear Lord, I'll be what You want me to be.
Verse 2
Perhaps today there are loving words Which Jesus would have me speak; There may be now, in the paths of sin, Some wanderer whom I should seek. O Savior, if Thou will be my Guide, Tho' dark and rugged way, My voice shall echo the message sweet, I'll say what You want me to say.
Verse 3
There's surely somewhere a lowly place In earth's harvest fields so wide, Where I may labor thro' life's short day For Jesus, the crucified. So, trusting my all unto Thy care, I know Thou lovest me! I'll do Your will with a heart sincere, I'll be what You want me to be.