No. 590
Yɛne Nyame nantew
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛne Nyame nantew N'asɛm no hann mu a, N'anuonyam no hyerɛn yɛn kwan so; Sɛ yɛyɛ Ne pɛ a, Ɔne yɛn bɛtra daa, Ne wɔn a wɔbetie No nyinaa.
Chorus
Twer' No, tie No, Na ‘hotɔ bi nni Yesu mu sen sɛ Wobɛtwer' No, na woatie No.
Verse 2
Esum bi rensɔre, Mununkum bi rensi, Mmom N'animtew bɛpa ne nyinaa; Akyinne ne ehu, Apini ne nusu, Remma, sɛ yetwer' No tie No a.
Verse 3
Yɛrensoa nneɛma kwa, Yɛn werɛ renhow kwa, Na mmom Obetua yɛn so ka pa; Sɛ amane mu oo, Sɛ abufuw mu oo, Yetie No a Obehyira yɛn.
Verse 4
Na yɛrentumi nnya Ne dɔ mu anika, Kosi sɛ yɛbɛgyae ne nyinaam'; Ne dom a ɔkyerɛ, ‘Nigye a ɔde ma, Yɛ wɔn a wɔtwer' No, tie No de.
Verse 5
Ayɔnkofa pa mu, Yɛbɛtra N'anim hɔ, Anaasɛ yɛbɛnantew Ne nkyɛn; Yɛbɛyɛ nea ɔse, Na yɛakɔ Ne soma; Yerensuro, na yɛbetie No.
English Lyrics
Verse 1
When we walk with the Lord In the light of his word, What a glory He sheds on our way! While we do His good will, He abides with us still, And with all who will trust and obey.
Chorus
Trust and obey, for there's no other way To be happy in Jesus, but to trust and obey.
Verse 2
Not a shadow can rise, Not a cloud in the skies, But His smile quickly drives it away; Not a doubt nor a fear, Not a sigh nor a tear, can abide while we trust and obey.
Verse 3
Not a burden we bear, Not a sorrow we share, But our toil He doth richly repay; Not a grief or a loss, Not a frown or a cross, But is blest if we trust and obey.
Verse 4
But we never can prove The delights of His love Until all on the altar we lay; For the favor He shows, And the joy He bestows, Are for them who will trust and obey.
Verse 5
Then in fellowship sweet We will sit at his feet, Or we'll walk by His side in the way; What He says we will do, Where He sends we will go; Never fear, only trust and obey.