No. 595
Momma kanea biara Nhyrɛn
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Momma kanea biara Nhyrɛn, 'Sum kabii dɔn no rebɛn; Wiase 'nadwo sum kabii a Edi 'W'ra no mmae n'anim.
Chorus
ɛnde, me nuanom, munsiesie Mo akanea nyamesurom'; Owura no mmae no rebɛn, Momma kanea bia'ra nhy'rɛn.
Verse 2
Mpempem kɔ so totɔ nko na Wɔpow nkrasɛm kɛsen' de; Yɛde yɛn gyidi no besi Ne mmae ho bɔhyɛ no so.
Verse 3
N'asɛm ne nokwar', Ky'rɛ yɛn kwan, Yɛrentumi mfom kwan da; Mmusu twa yɛn ho hyia mpo a Yɛn de, wɔrennyaw yɛn da.
Verse 4
Momfa nnwuma pa mfra gyidi' Mfa mmoa wiasefo nyinaa; B're a gyidi kyeky're yɛn no, Setie de nhyira pii ba.
English Lyrics
Verse 1
Let every lamp be burning bright, The darkest hour is nearing; The darkest hour of earth's long night, Before the Lord's appearing.
Chorus
Then trim your lamps, my brethren dear, Then trim your lamps with godly fear; The Master's coming draweth near, Let every lamp be burning.
Verse 2
Though thousands calmly slumber on, The last great message spurning, We'll rest our living faith upon His promise of returning.
Verse 3
His Word our lamp, His truth our guide, We cannot be mistaken; Though dangers rise on every side, We shall not be forsaken.
Verse 4
Then let good works with faith appear, To help the world around us; Obedience brings the blessing near When faith has firmly bound us.