No. 598
Monwɛn, mo 'hotefo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Monwɛn, mo 'hotefo, monnyan; Hwɛ! S'ro ahoɔden rewosow; Momma mo akanea nhyerɛn Na montwɛn mo Wura mmae no.
Chorus
Monhwɛ 'tempɔn no, 'Diyifo no akwan no, Awo ntoatoaso ne 'henni nnan nom' Monhwɛ 'tempɔn no&- 'Diyifo no akwan no Kwantun' reba n'awiei.
Verse 2
Hwɛ! Agyenkwa no bɔhyɛ no, Bɔne fafiri ne ɔdom, Ntade fitaa 'nuonyam 'henkyɛw; Ka ɔgye 'sɛmpa no kyerɛ
Verse 3
Ahenni rehwehwe ase, Tie! Ne teaseɛnam rewosow; Ka kyerɛ sɛ dom pii wɔ hɔ, B're a wogu so hyɛn t'robɛnton'.
Verse 4
Ahantan aman retwam kɔ, Kristo ahenni reba ntɛm; Wiase redi awokoyaw, 'Hotefo nteɛm, mo W'ra reba!
Verse 5
Bɔn'fo momm'ra, Kristo refrɛ, Ogu so redi ma mo nnɛ; Monyɛ ntɛm, dom ne mm're resa, Ama 'hintasɛm toatwa.
English Lyrics
Verse 1
Watch, ye saints, with eyelids waking; Lo! The powers of heaven are shaking; Keep your lamps all trimmed and burning, Ready for your Lord's returning.
Chorus
Lo! He comes, Lo! Jesus comes; Lo! He comes, He comes all glorious! Jesus comes to reign victorious, Lo! He comes, Yes, Jesus comes.
Verse 2
Lo! the promise of your Savior, Pardoned sin and purchased favor, Blood-washed robes and crowns of glory; Haste to tell redemption's story.
Verse 3
Kingdoms at their base are crumbling, Hark!His chariot wheels are rumbling; Tell, O tell of grace abounding, While the seventh trump is sounding.
Verse 4
Nations wane, though proud and stately; Christ His kingdom hasteneth greatly; Earth her latest pangs is summing; Shout, ye saints, your Lord is coming.
Verse 5
Sinners, come, while Christ is pleading; Now for you He's interceding; Haste, ere grace and time diminished Shall proclaim the mystery finished.