No. 602
Onua, di nokware
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Onua, di nokware, Yesu reba ntɛm, Ɔno na yɛatwɛn no akyɛ; ɛrekyɛ yɛbɛhyɛn yɛn ‘nuonyam fie nom', Ato nkonimdifo dwom no. Onua, di nokware, dɛn nti na yenni Nokware mma Nea Waky'rɛ dɔ Aenni kabea te sɛɛ na Owui de Gyee yɛn a yɛyɛ Ne de no?
Verse 2
Onua, di nokware,sika kuro a Wɔasiesie ama hy'rafo no, Retwɛn sɛ ɛbɛda adi N'ahoɔfɛm'; Agye w' akɔ wo home mu Onua, di nokware, yɛrenkɔ so ntra Ahohia mu bio wɔ fam ha; Awerɛhow ‘nadwo sum no retwam kɔ Yɛrebɛn ‘nuonyam ‘dekyee no.
Verse 3
Onua, di nokware, ɛ'nkyɛ Obesian, AbɔdeHen' Twieduampɔn no, B're a abɔfo mpempem no di N'akyi Kura nkonimdi berɛw no! Onua, di nokware, ɛ'nkyɛ wobɛte Sɛ w'Agyenkwa no reka sɛ “Mo, akoa nokwafo,woanya ‘bodin sɛ Wobɛhyɛn wo W'ra anigyem'.
Verse 4
Onua, di nokware na mmeresanten Bɛka wo nnɛ nokwar'di no, B're a dɛw ne s'rew bɛpopa wo nusu, Na wɔahyɛ wo ahenkyɛw no. Onua, di nokware, bɔhɛ no bɛba, Nea ɛretwɛn nokwafo no; Wo ne wɔn a wɔagye wɔn no Bɛdi hen; Na wo ne Yesu atra daa.
English Lyrics
Verse 1
O brother, be faithful! soon Jesus will come, For whom we have waited so long; O, soon we shall enter our glorious home, And join in the conqueror's song. O brother, be faithful! for why should we prove Unfaithful to Him who hath shown Such deep, such unbounded and infinite love- Who died to redeem us His own.
Verse 2
O brother, be faithful! the city of gold, Prepared for the good and the blest, Is waiting its portals of pearl to unfold, And welcome thee into thy rest. Then, brother, prove faithful! not long shall we stay In weariness here, and forlorn Time's dark night of sorrow is wearing away, We haste to the glorious morn.
Verse 3
O brother, be faithful! He soon will descend, Creation's omnipotent King, While legions of angels His chariot attend, And palm wreath, of victory bring. O brother, be faithful! and soon shalt thou hear Thy Savior pronounce the glad word, Well done faithful servant, thy title is clear, To enter the joy of thy Lord.
Verse 4
O brother be faithful! eternity's years Shall tell for thy faithfulness now, When bright smiles of gladness shall scatters thy tears, A coronet gleam on thy brow. O brother, be faithful! the promise is sure, That waits for the faithful and tried; To reign with the ransomed, immortal and pure, And ever with Jesus abide.