No. 61
Nyame Wɔ Ha! B'Re A Ne Mma
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame wɔ ha! B're a Ne mma Hyiam nkamfo ne mpaebɔm' yi, Anka ma yenhu no kɛse Nea yɛn ny'naa kyɛ wɔ Kristom. Ɛha, ne wiase baabiara, Yɛn nimdeɛ ahorow ny'naa Twɛn sɛ Honhom no bɛhyɛne Adwen ne koma a abuem'.
Verse 2
Nsohyɛde bɛkae yɛn wɔ ha, Adom a yehia daa ny'naa; Ɛha na 'sɛnkapon wɔ; Asɛm no di kan wɔ ha. Ɛha na nokwar' 'sɛnka mu. Kommyɛ ne ɔkasa mu, Fof'royɛ ne nsakrae mu no, Honhom no ba obiara nkyɛn.
Verse 3
Yɛn mmofra nya 'nika wɔ ha, 'Hwɛfo no nguankuw no mu; B're a yedi paanoo nom nsa no, Kristo kɔ so hwɛ yɛn so. Ɛha, 'Somfo no asomfo Fi ɔsom mu hwehwɛ nea Ɛky'rɛ wɔ daa 'setram', Sɛnea wɔgye di ampa.
Verse 4
Asafo ne ahemman W'ra, Nsakrae ne 'kyinnye b're yi, Yɛ yɛn 'sɛmpan' ho nokwafo, Ma yɛnnaW' botae adi. Ɛha, 'nnɛ 'hofama som yim', Nea yɛma, nea yenya ny'naa, Yɛn a yɛte ase Wo mu yi, Yɛkamfo Wo, yɛgye di!
English Lyrics
Verse 1
God is here! As we His people Meet to offer praise and prayer. May we find in fuller measure What it is in Christ we share. Here, as in the world around us, All our varied skills and arts Wait the coming of the Spirit Into open minds and hearts.
Verse 2
Here are symbols to remind us Of our lifelong need of grace; Here are table, font, and pulpit; Here the Word has central place. Here in honesty of preaching, Here in silence, as in speech, Here, in newness and renewal, God the Spirit comes to each
Verse 3
Here our children find a welcome In the Shepherd's flock and fold, Here, as bread and wine are taken Christ sustains us as of old. Here the servants of the Servant Seek in worship to explore What it means in daily living To believe and to adore.
Verse 4
Lord of all, of church and kingdom, In age of change and doubt Keep us faithful to the gospel, Help us work Your purpose out. Here, in this day's dedication, All we have to give, receive, We, who cannot live without You, We adore You! We believe!