No. 612
Kristo Nsraafo, Monkɔ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Kristo nsraafo, monkɔ Senea mokɔ sa, Yesu asɛnnua no Momfa nni anim, Ɔsahen' Kristo di Yɛn anim tia dɔm; Monkɔ akonim hɔ, Ne frankaa rekɔ.
Chorus
Kristo nsrafo, monkɔ Sɛnea mokɔ sa; Yesu asɛnnua no Monfa nni anim.
Verse 2
Nyame asfo no, Kɔ sɛ dɔm kɛse; Kristofo,yɛnenam Nea treneefo fae; Mpaapaemu nni yɛn mu, Na yɛyɛ biako, Biako wɔ asɛnkam', 'Nidasom' ne dɔm'.
Verse 3
Nhenkyew, nhengua asɛe, 'Henni hwe ase, Yesu asafo de Ebetim hɔ daa; Asaman apon mpo Remmu mfa so da; Yɛwɔ Kristo bɔhyɛ A enni huammɔ.
Verse 4
Yaanom, monkɔ anim, Momfra yɛn kuw yim', Mo ne yɛn nyinaa mmom Nto nkonimdi dwom; nuoyam ne 'nidi Nka Ɔhen Kristo, Eyi na abɔfo Ne nnipa to daa.
English Lyrics
Verse 1
Onward, Christian soldiers, marching as to war, With the cross of Jesus going on before. Christ, the royal Master, leads against the foe; Forward into battle see His banners go!
Chorus
Onward, Christian soldiers, marching as to war, With the cross of Jesus going on before.
Verse 2
Like a mighty army moves the church of God; Brothers, we are treading where the saints have trod. We are not divided, all one body we, One in hope and doctrine, one in charity.
Verse 3
Crowns and thrones have perished, kingdoms rise and wane, But the church of Jesus constant will remain. Gates of hell can never 'gainst that church prevail; We have Christ's own promise, and that cannot fail.
Verse 4
Onward then, ye people, join our happy throng, Blend with ours your voices in the triumph song. Glory, laud, and honor unto Christ the King, This through countless ages men and angels sing.