No. 621
Agya Dɛɛfo, Bɔw' Mma Ho Ban
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Agya Dɛɛfo, bɔW' mma ho ban Fi ɔtanfo no sɛe mu; 'W'ra, gye wɔn fi asehwe mu, Sum ne sɔhwɛ dɔn yi mu! Wobɛsɔ Wo nk'rɔfo ahwɛ, Etwa sɛ yɛfa sɔ hwɛm' Nanso W'asɛm hy'rɛn yɛn kwan so Na yɛn w'rɛ hyɛ Nyame mu.
Verse 2
Ɔtwɛn b're mu na yɛwɔ yi, ɛrenkyɛ yebehu No, B're a yɛn aw'rɛhow atwam, Akɔgye yɛn akatua; 'W'ra ko'ra yɛn fi fam nkekae ho Kosi W'ahoyi no mu, Ma Wo Honhom no nhyɛ yɛn den Kosi sɛ W' frankaa behim.
Verse 3
Ahotefo no de dew na Ebehu Wo frankaa no, B're a 'W'ra a yɛatwɛn No no Bɛma nkonimdi nteam no; Yɛanya ahofadi afi Wiase pporɔe, bɔn' ne yaw, Satan mfiri horow nyinaa, Ne 'wu sɛe ahenni nom'.
English Lyrics
Verse 1
Gracious Father, guard Thy children From the foe's destructive power; Save, O save them, Lord, from falling In this dark and trying hour. Thou wilt surely prove Thy people, All our graces must be tried; But Thy world illumes our path-way, And in God we still confide.
Verse 2
We are in the time of waiting; Soon we shall behold our Lord, Wafted far away from sorrow, To receive our rich reward. Keep us, Lord till Thine appearing, Pure unspotted from the world; Let Thy Holy Spirit cheer us Til Thy banner is unfurled.
Verse 3
With what joyful exaltation Shall the saints Thy banner see, When the Lord for whom we've waited Shall proclaim the jubilee! Freedom from this world's populations; Freedom from all sin and pain; Freedom from the wiles of Satan, And from death's destructive reign.