No. 631
Sɛ Ɔbra No Duru Sum
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɛ ɔbra no duru sum, Bosu nwininwin' tɔ, Na kwan so sɛnky'rɛnne y'ra Ma huammɔdi hyɛ ma' a, Fi W'asɛnnua' so bɛn yɛn, Wom yɛte' ɔpow nka de, Ko'ra yɛn 'nadwo huhu yim' Kosi sɛ' ade bɛkye
Verse 2
Sɛ mmabun b're mu bɔhyɛ De yaw kɛse brɛ yɛn, Na yɛn 'honim bu yɛn fɔ' a, Kristo rempo yɛn da; 'Somdwoe a wiase ntum' mma, Da biara fof'royɛ, Ne ahohia mu yɔnko Akwaky'rɛ nyinaa mu.
Verse 3
Momfa 'sɛmpa n' so mmehyia Damfo ne 'Wura no, Mummue nkwa ne 'somdwoe 'pon Ne momma 'somdwoe mu; Wɔn a wɔhwehwɛ No no, Wɔbɛyɛ Na'busua; Kristo, yɛn kwan ne yɛn fie, Yɛn fapem k'ro pɛ no.
English Lyrics
Verse 1
When on life a darkness falls, When the mist flows chilling, Paths and signpost lost in doubt, Loveless unfulfilling, Reach us, Jesus, from Your cross, Though we feel forsaken; Keep us through the aching night Till new dawn awaken.
Verse 2
When the dreams and vows of youth Painfully accuse us, Stab our conscience, steal our worth, Christ will not refuse us: Peace the world cannot provide, Daily resurrection, Strong companion at our side For each new direction.
Verse 3
Come and meet Him, Friend and Lord, Thro’ the gospel story: Open door to life and peace, Window in to glory. All who seek Him, soon are found, Made His close relation: Christ our pathway, Christ our home,Christ our sure foundation.