No. 641
Nyame Nam Dɔ So De 'sase Yi Fɛm Yɛn
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame nam dɔ so de 'sase yi fɛm yɛn, Ɔmaa no botae wɔ b're ne beae mu; Adebɔ mu ade ketewaa bi de, Nanso ɛno ne adasa atrae.
Verse 2
Aseda nka Nyame Wɔ emu nnepa Ne nkwa a ekura yɛn mu no ho, Yɛkyɛ no yie a,ɛso obiara so, Ahonya a emu nni hwehwɛbea.
Verse 3
Akodi fi tete asɛe so nnɔbae; Nhɛso fi tete amia asase, Yefi tete asɛe nea 'hia ma binom, Ahwie bɔne agu nkwa nsuti hɔ.
Verse 4
'Sase yɛ 'W'rade dea, Ɔde ama yɛn, Sɛ awhwɛfo yɛnnɔ ho ban; Aw'rade pa, yi yɛn fi ne sɛe nyinaa ho, Kosi wiase aenni awei nom'!
English Lyrics
Verse 1
God in His love for us lent us this planet, Gave it a purpose in time and in space: Small as spark from the fire of creation, Cradle of life and the home of our race.
Verse 2
Thanks be to God for its bounty and beauty, Life that sustain us in body and mind: Plenty for all, if we learn how to share it, Riches undreamed of to fathom and find.
Verse 3
Long have our human wars ruined its harvest; Long has earth bowed to the terror of force; Long have we wasted what others have need of, Poisoned the fountain of life at its source.
Verse 4
Earth is the Lord's: it is ours to enjoy it, Ours, as His steward to farm and defend. From its pollution, misuse, and destruction, Good Lord, deliver us, world without end!