No. 650
Agya A Wo Din Ma
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Agya a Wo din ma Yɛte baatanyɛ ase, Wo a Wode dɔ yɛ 'Busua biara Wo de; Hyira 'wofo nyinaa na fa Ɔdɔ wɛn Wo nkurɔfo no Wɔ wɔn atrae sɛ Ɔwɛnfo.
Verse 2
Kristo, Woyɛɛ 'abofra Wɔ asase so ha, Wo a Wufi koma' a ɛyɛ kronn mu nyinii; Hyira yɛn mmofra baabiara, Sɛnea wɔn ny'naa behu W'anim Na wɔanyin Wo ho nimdeɛ mu.
Verse 3
Honhom a Woka yɛn Koma bom biakoyɛm', Na Woma yehu 'dɔ Wɔ ahofadi mu; Saa 'dɔ no nyin wɔ yɛn komam' Sɛnea ofie biara nam so Bɛyɛ asodwoe trabea pa.
English Lyrics
Verse 1
Our Father, by whose name, All fatherhood is known, Who dost in love proclaim Each family Thine own Bless Thou all parents, guarding well, With constant love as sentinel, The homes in which Thy people dwell.
Verse 2
O Christ, Thy self a child Within as earthly home, With heart still undefiled, Thou didst to manhood come; Our children bless, in every place, That they may all behold Thy face, And knowing Thee may grow in grace.
Verse 3
O Spirit, Who dost bind Our hearts in unity, Who teachest us to find Thee love from self set free, In all our hearts such love increase, That every home, by this release, May be the dwelling place of peace.