No. 656
O ɔdɔ a ɛb'ro nipa adwen so
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
O ɔdɔ a ɛb'ro nipa adwen so Yɛkoto W'agua 'nim brɛoo wɔ mpaebom Sɛ wɔn a Woreka wɔn abom daa yi Benya ɔdɔ a etim hɔ daa daa.
Verse 2
O nkwa Dɛɛfo, yɛ wɔn 'nidaso nyinaa, Ma wɔn dɔ ne gyidi a ase tim, Boasetɔ anidaso ne animia Sɛ 'bofra 'w'rɛhyem – ensùro yaw ne wu.
Verse 3
Ma wɔn dɛw a ɛpam fam awerɛhow, Ne 'somdwoe wɔ fam ha ap'rep're mu Fa 'kyena a yennim ka wɔ ɛnnɛ ho Nea epue wɔ daa ɔdɔ ne nkwa so.
English Lyrics
Verse 1
O perfect Love, all human thought transcending, Lowly we kneel in prayer before thy throne, That theirs may be the love which knows no ending, Whom thou forevermore dost join in one.
Verse 2
O perfect Life, be thou their full assurance Of tender charity and steadfast faith, Of patient hope and quiet, brave endurance, with childlike trust that fears nor pain nor death.
Verse 3
Grant them the joy which brightens earthly sorrow; Grant them the peace which calms all earthly strife, And to life's day the glorious unknown morrow That dawns upon eternal love and life.