No. 658
S'Ro Agya, Tie Yɛn Mpaebɔ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
S'ro Agya, tie yɛn mpaebɔ B're` a yɛkoto Wo yi; Hy'ra wɔn wɔ wɔn nkabom nom' Yɛsrɛ Wo 'hobrɛasem. Yɛ wɔn kwanky'rɛfo ade ny'naam', Na yɛ wɔn daa anidaso; Wo` a Woyɛ s'ro dɔ nsuti, Ma Wo dɔ nhyerɛn wɔn mu.
Verse 2
B're` a wɔka wɔn dɔ ho ntam W'afɔr'bukyia 'nim yi, Ma wɔn koma nsi Wo so A ɛrenhinhim da. Yɛ wɔn w'rɛkyekye wɔ yaw mu; Ma wɔn daakye mu 'nidaso. Ma wɔn 'hoɔden a wɔde Bɛtwer' Wo tumi nkutoo.
Verse 3
Ɔbɔadeɛ Hy'rafo, nkwa W'ra, Gye yɛn aseda yi. Woaka 'war'fo yi abom Ama fam ha 'setra. Esian Yesu mu bembu nti, Wɔanya nkwa a enni awiei. Sɛ wɔn fam ha nna twam a, Fa wɔn kɔ Wo s'ro fie dwoo!
English Lyrics
Verse 1
Heav'nly Father, hear our prayer As we bow before You: Bless them in the life they share, Humbly we implore You. Be their guide in all endeavors, Be their hope that nothing severs; Constant source of love divine, Let Your love within them shine!
Verse 2
As they pledge their love this day Here before Your altar, May their hearts, upon You stayed, Never fail or falter. Be their comfort in all sorrow; Be their reason for tomorrow. Grant them strength to live each hour Trusting solely in Your pow'r.
Verse 3
Blest Creator, Lord of life, Hear our glad thanksgiving. Husband You have joined to wife For their earthly living. Justified by Jesus' merit, Life eternal they inherit. When their days on earth have passed, Take them to Your home at last