No. 84
Nyankopɔn Tweaduampɔn!
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyankopɔn Tweaduampɔn! Ɔhen' a ahum Di W'anim na aprannaa yɛ W'afoa; Ky'rɛ W'ahummɔb'rɔ s'ro, nea Wudi hen' hɔ, Ma yɛn 'somdwoe, O, 'W'ra mmɔb'rɔhun'fo.
Verse 2
Nyankopɔn mmɔb'rɔhunfo! 'sase apo Wo mm'ra kronkron, atiatia W'asɛm so; Mma W'abufuw a ɛyɛ hu no nnsɔre; Ma yɛn 'somdwoe, O, 'W'ra mmɔb'rɔhunfo.
Verse 3
Nyankopɔn treneeni! 'nipa apo Wo; Nanso W'asɛm tim hɔ kosi daapem; Atorɔ ne mfomso ntumi ne Wo ntra; Hy'ra 'treneeni, O, 'W'ra mmɔb'rɔhun'fo.
Verse 4
Enti yɛde aseda som bɛbɛ Wo, Sɛ Woagye yɛn afi mmusu nyinaam'; Yɛbɛto dwom fi mpoano 'kosi mpoano, Wo na tumi ne 'nuonyam wɔ Wo, 'W'ra.
English Lyrics
Verse 1
God the Omnipotent! King, who ordainest Great winds Thy clarions, the lightnings Thy sword; Show forth Thy pity on high where Thou reignest, Give to us peace, O most merciful Lord.
Verse 2
God the all merciful! earth hath forsaken Thy precepts holy, and slighted Thy word; Bid not Thy wrath in its terrors awaken;Give to us peace, O most merciful Lord.
Verse 3
God the all righteousness One! man hath defied Thee; Yet to eternity standeth Thy word; Falsehood and wrong shall not tarry beside Thee; Prosper the right, O most merciful Lord.
Verse 4
So shall we render Thee thankful devotion, For Thy deliverance from peril and sword, Singing in chorus from ocean to ocean, 'Thine is the power and the glory, O Lord.'