No. 86
Woyɛ Kɛse
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Me Nyankopɔn, sɛ mifi ahodw'ri mu Dwennwen nsase a Wo nsa ayɛ ho, Mihu ns'romma, mete aprannaa mmobom, Wo tum a ɛda adi wiase a,
Chorus
Me kra to dwom maW', m'Agyenkwa Nyame, Woyɛ kɛse, Woyɛ kɛse! Me kra to dwom maW', m'Agyenkwa Nyame, Woyɛ kɛse, Woyɛ kɛse!
Verse 2
Sɛ mikyinkyin kɔfa mfofoo ne kwae mu, Na mete nnomaa nnwom dɛdɛ nnua mu; Mifi mmepɔ atenten so hwɛ fam na Mete 'suten nne ne mframa dwoo a:
Verse 3
Medwen sɛ Nyame ankora Ne Ba no, Maa No bewui a Mintum' nte ase; Sɛ 'sɛnnua so Ɔde 'nigye soaa m' bɔne Hwiee mogya gui de yii me bɔne hɔ.
Verse 4
Sɛ Kristo de osebɔ dennen sian ba Bɛfam' kɔ fie a, 'nigye bɛhyɛ me ma. Afei mede 'hobrɛase bɛtontom No, Na mateam sɛ: Nyame, Woyɛ kɛse!
English Lyrics
Verse 1
O Lord my God! when I in awesome wonder Consider all the worlds Thy hands have made, I see the stars, I hear the rolling thunder, Thy pow’r thro’out the universe displayed,
Chorus
Then sings my soul, my Savior God to Thee; How great Thou art, how great Thou art! Then sings my soul, my Savior God to Thee; How great Thou art, How great Thou art!
Verse 2
When thro’ the woods and forest glades I wander And hear the birds sings sweetly in the trees; When I look down from lofty mountain grandeur And hear the brook and feel the gentle breeze;
Verse 3
And when I think that God, His Son not sparing, Sent Him to die, I scarce can take it in; That on the cross, my burden gladly bearing, He bled and died to take away my sin;
Verse 4
When Christ shall come with shout of acclamation And take me home, what joy shall fill my hear! Then I shall bow in humble adoration And there proclaim, my God, how great Thou art!