No. 92
Wiase'I Yɛ M'Agya De
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wiase'i yɛ m'Agya de, Mete m'asom pefee, Abɔde nnwom a ɛwoso Ne nnwom a efi s'ro; Wiase'I yɛ m'Agya de, Esi pi m'adwen mu, Sɛ mmotan, nnua, po ne ewim' Yɛ Ne nsaanodwuma.
Verse 2
Wiase'i yɛ m'Agya de, 'Wim nnomaa towɔn nnwom, Anɔpa hann ne sukooko, Yi wɔn Yɛfo n'ayɛ; Wiase'I yɛ m'Agya de, Ɔhy'rɛn neá ɛyɛ nyinaam' Ɔnam mframa a ɛbɔ mu Kasa ky'rɛ m' baabiara.
Verse 3
Wiase'i yɛ m'Agya de, O, mma me w'rɛ mmfi da, Sɛ mfomso kɔ so dɛn ará a Onyankopɔn di hen' Wiase'i yɛ m'Agya de, Dɛn nti na me w'rɛ how, 'W'rade yɛ Hen', ma s'ro nwoso Na asase nni dɛw.
English Lyrics
Verse 1
This is my Father's world, And to my listening ears All nature sings, and round me rings The music of the spheres.This is my Father's world; I rest me in the thought Of rocks and trees, of skies and seas; His hands the wonders wrought.
Verse 2
This is my Father's world, The birds their carols raise, The morning light, the lily white, Declare their maker's praise.This is my Father's world; He shines in all that's fair; In the rustling grass I hear him pass; He speaks to me everywhere.
Verse 3
This is my Father's world. O let me ne'er forget That though the wrong seems oft so strong, God is the ruler yet.This is my Father's world; Why should my heart be sad? The Lord is King; let the heavens ring! God reigns; let the earth be glad!