No. 94
Abɔde A Ɛwo Hɔ Ny'Naa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Abɔde a ɛwɔ hɔ ny'naa Ka wɔn Bɔfo ayeyi ky'rɛ; Nyame nsaandwuma biara Ky'rɛ sɛnea Osi som bo fa.
Verse 2
Ɔdom a Ɔde gyee yɛn mu Na yehu N'anuonyam kɛse; Ɔtwee yɛn kɔɔ 'sɛnnua no so, De mogya dehye no gyee yɛn.
Verse 3
Ɛha na Ne din ny'naa di mu, Adwen' ntum' nhu, nyansa ntum' nky'rɛ Nea ɛyɛ kɛse sen 'yinom - Ne tumi, nyansa, ne Ne dɔ.
Verse 4
Yɛbɛbɔ Ne din no daa daa, De nne a nnipá aso ntee da Ne 'bɔfo akamfo 'Guammaa n' Asom N'Agya 'hengua anim.
English Lyrics
Verse 1
Nature with open volume stands,To spread its maker’s praise abroad; And every labor of His hands Show something worthy of our God.
Verse 2
But in the grace that rescued us His brightest form of glory shines; 'Tis fairest drawn upon the cross In precious blood and crimson lines
Verse 3
Here His whole name appears complete. Nor wit can guess nor reason prove, Which of the letters best is writ, The pow’r, the wisdom, or the love
Verse 4
We would forever speak His name In sound to mortal ears unknown,With angels join to praise the Lamb, And worship at His Father’s throne.