No. 99
Nyame Bɛhwe Wo So
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mmaw' bo nntu, nea 'besi biara Nyame bɛhwɛ wo so; Tra Ne dɔ ntaban no ase, Nyame bɛhwɛ wo so.
Chorus
Nyame bɛhwɛ wo so Wɔ da biara, akwan ny'naa mu Ɔbɛhwɛ wo so yie; Nyame bɛhwɛ wo so.
Verse 2
Ɔbra nnwuma ma wo bo to` a Nyame bɛhwɛ wo so; Sɛ mmusu ba w'akwan mu a, Nyame bɛhwɛ wo so.
Verse 3
Ɔbɛma wo nea ehia wo ny'naa Nyame bɛhwɛ wo so; Ɔremfa hwee nkame wo da Nyame bɛhwɛ wo so.
Verse 4
Sɛ sɔhwɛ no te dɛn ara a, Nyame bɛhwɛ wo so, Ɔkra brefo, twer' Ne kokom, Nyame bɛhwɛ wo so.
English Lyrics
Verse 1
Be not dismayed whate'er betide, God will take care of you; Beneath his wings of love abide, God will take care of you.
Chorus
God will take care of you, Through every day, o'er all the way; He will take care of you, God will take care of you.
Verse 2
Through days of toil when heart doth fail, God will take care of you; When dangers fierce your path assail, God will take care of you.
Verse 3
All you may need he will provide, God will take care of you; Nothing you ask will be denied, God will take care of you.
Verse 4
No matter what may be the test, God will take care of you; Lean, weary one, upon his breast, God will take care of you.