Twi No. N10
Ɔdom honhom' ne me ntra
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ɔdom honhom' ne me ntra, Na mayɛ ɔdomfo bi: Mada W'asɛm a ɛsa Yare no adi me bram' Na maka Kristo ho nsɛm Odwo ne aboɔd'ru mu
Verse 2
Nokwar' Honhom ne me ntra; Na mayɛ nokwafo bi: Ma Wo nyansa ne dom no Nna adi yie wɔ me bram', Na mede anua-yɛ pa, Maka ne Wura ho nsɛm
Verse 3
Tema honhom! Ne me ntra Na me nso mayɛ tema. Fa me koma sie sɛ nhw'ren Wɔ sɔhwɛ sum bere mu. 'Wia pue a, bue pon no mu, Ma wɔnte Ne dɔ hua no
Verse 4
Honhom Tumfo! Ne me ntra; Na mayɛ otumfo bi: Na matumi magyina, Nea ankonam di nkogu; Anidasi pa mu daa, Na makɔ m'anim ara
Verse 5
Honhom Kronkron ne me ntra; Na mayɔ hotefo bi Na bɛn' afi me ho no Mabata papa nko ho; Na nea mɔdan biara no, Mede me ho mama Wo.