Twi No. N14
Obi de ɔpɛ sii m'anan mu
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Obi de ɔpɛ sii m'anan mu wu maa me, Sɛ ɔkra a ɔmfata nnya nkwa; Ɔde ɔpɛ faa asɛnnua so kwan no so, De me bra mu bɔne nyinaa kyɛe.
Chorus
Wɔabɔ no asɛnuam', Wɔabɔ no asɛnuam', O hwɛ senea Ɔde ɔpɛ soae! Yaw ne adehwere Pii na Yesu de soaa Me bɔne kɔɔ asɛnnua no so!
Verse 2
Onyaa odwo, adɔe, adɔe ne boasetɔ maa me, N'Oyii me komam' bɔne nyinaa, Afobu nni hɔ bio, afei made me ho W'ɔabɔ me bɔne nyinaa asɛnnuam'.
Verse 3
Metintim m'Agyenkwa den merennyaw No da; Mede dɛw betu me kwan daa daa Na mede m'ano ne me koma ato dwom sɛ, Wɔayi me bɔne afi hɔ kɔ.