Twi No. N17
B're no yɛ dɛ boro so!
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
B're no yɛ dɛ boro so! B're a 'hotefo hyiam no. B're a wɔdwen 'Gyenkwa ho, Na wohyiam to Ne ho dwom.
Verse 2
Yɛto daa ɔdɔ ho dwom, 'Dɔ a ɛkaa Agya no; Ɔhwɛɛ wiase mmusu no, Dɔɔ wiase de Ne Ba kyɛe.
Verse 3
Yɛto 'Ba no dɔ ho dwom: Ɔdan' N'ahenni gyaa s'ro, Faa yɛn su sii yɛn ananm' N'Obewui maa yɛn nyinaa.
Verse 4
Yɛto Honhom dɔ ho dwom; Ɔne yɛn dii no ap'rep're, Maa yaw ne suro kaa yɛn, Ma yɛbɛn Agyenkwa no.
Verse 5
B're no bɔyɔ dɔ mm'roso, B're a 'hotefo hyiam s'ro Wɛbɔdwen Yesu ho ara, Wɛbɔto Ne ho dwom daa.