Twi No. N29
Wɔagyem' Yesu Basa So
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
. Wɔagyem' Yesu basa so, Wɔagyem' Ne koko mu; Ne dɔ nwini ase ha Na me kra nya home. Tie! ɛyɛ abɔfo nne, Refrɛ me nnwonto mu, 'Nuonyam asase no so Kristalo po' agya hɔ.
Chorus
Wɔagyem' Yesu basa so, Wɔagyem' Ne koko mu; Ne dɔ nwini ase ha, Na me kra nya home
Verse 2
Wɔagyem' Yesu basa so, Wɔagyem' afi haw mu; Wɔagyem' wiase sɔhwɛ mu, Bɔne ntum' nhaw me hɔ. Wɔayem' afi 'w'rɛhow mu. M'akyinnye ne surom'; Aka sɔhwɛ kakra bi, Ne nusu kakra nso.
Verse 3
Me koma guankɔbea pa, Yesu awu amam'; Tete bo no so na daa M'ahotoso bɛtra. Ma mentwɛn 'ha boasetɔm' Kosi sɛ sum betwam; Na adekyee apue wɔ Sika m-poano hɔ.