Twi No. N8
Honhom Kwankyerɛfo Pa
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Honhom kwankyerɛfo pa' a Wobɛn kristoni nkyɛn daa, Sɔ yɛn nsa kyerɛ yɛn kwan Sare so 'kwantu yi mu. Akra b'rɛfo anigye, B're w o nne bɔkɔɔ no, Ka brɛoo sɛ 'Kwantofo, bra! Di M'akyi, ma yɛnkɔ fie'.
Verse 2
Dɔfo bɛnkyere nokafo, Wobɛn sɛ Wobɛboa yɛn, Nnyame yɛn mma 'kyinnye ne hu, Mma yɛnnka sum huhu mu; Ahumtu ma yensuro, Na anidaso pa a, Ka bɛroo sɛ, 'Kwantofo, bra! Di M'akyi ma yɛnkɔ fie.
Verse 3
Sɛ yɛn brɛ nna yi sa na Yɛrentwɛn 'home pa no, De mpaebɔ hwɛ soro nko, Dwen sɛ wɔaky'rɛw yen din hɔ' a; B're a yɛnam nsuy'ri mu Resrɛ Yesu mogyam' yi, Ka brɛoo sɛ 'Kwantofo, bra! Di M'akyi, ma yɛnkɔ fie'.