No. 101
Ɔs'Ro Agya Dɛɛfo No Mma
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ɔs'ro Agya dɛɛfo no mma Boa wɔn ano Ne kokom dwoo; Nnomaa anaa s'ro nsoromma Nnya 'hintabea a ɛte saa.
Verse 2
Nyame no ara yɛn' Ne de; Wɔyɛ frɔmm Ne dɔ kronkron nom' Ɔgye wɔn fi mmusu ny'naa mu Ɔsoa wɔn Ne tum' basa so.
Verse 3
N-kwa anaa owu ntumi Ntetew 'W'rade ne Ne mma mu; Ohwie Ne dom no gu wɔn so, Na Onim wɔn aw'rɛhow ny'naa.
Verse 4
Momfa dɛw nkamfo Aw'rade; Mo Hwɛfo ntɔ nko na Ɔnna; Mo Banbɔfo no pɛ mu no, 'Tamfo biara bedi nkogu.
Verse 5
Sɛ Ɔma o, sɛ Ɔfa o, Onyame werɛ mfi Ne mma; Ne dɔ botae ara ne sɛ Ɔbɛma wɔn ayɛ kronkron.
English Lyrics
Verse 1
Children of the heavenly Father Safely in His bosom gather; Nestling bird nor star in heaven Such a refuge e'er was given.
Verse 2
God His own doth tend and nourish, In His holy love they flourish;From all evil things He spares them, In His mighty arms He bears them.
Verse 3
Neither life nor death shall ever From the Lord His children sever; Unto them His grace He showeth, And their sorrows all He knoweth.
Verse 4
Praise the Lord in joyful numbers, Your Protector never slumbers; At the will of your Defender Every foe-man must surrender.
Verse 5
Though He giveth or He taketh, God His children ne'er forsaketh; His the loving purpose solely To preserve them pure and holy.