No. 102
Mmepɔ A Atwà Ahyia Yi Na Mema
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mmepɔ a atwà ahyia yi na mema M'ani so ky'rɛ? Hefa na me nkwagye befi aba? Efi hefa? Me mmoa fi Awurade Nyame nkyɛn, Nyame a Ɔbɔɔ s'ro ne asase.
Verse 2
Ɔremma wo nan nwat'ri ara da, Wubedi yie. Ɔrentɔ nko na Ɔrenná ara da, Nea Ɔhwɛw' no. Hwɛ yɛn Awurade Nyame no nko, Nea Ɔhwɛ Israel wɔ kronkronyɛm' no.
Verse 3
Yehowa n'ara ne wo Hwɛfo no, Wo nwini no; Yehowa ankasa ne wo banbɔ, Wo nifa so; Owia renhye wo awiabere mu, Na ɔsram nso renhye wo anadwo.
Verse 4
Obeyi wo kra 'fi mmusu biaram', Bɔne biaram'; Yehowa bɛhwɛ w'adifi nyinaa, New' fi ba so. Nea yɛdo No no, Ɔbɛhwɛ wo so, Ɔbɛkora wo so de kosi daa.
English Lyrics
Verse 1
Unto the hills around Shall I lift up my longing eyes? O whence for me shall my salvation come, From whence arise? From God the Lord doth come my certain aid, From God the Lord, Who heav'n and earth hath made.
Verse 2
He will not suffer that thy foot be moved, Safe shalt Thou be. No careless slumber shall His eyelids close, Who keepeth thee. Behold our God, the Lord, He slumbereth ne'er, Who keepeth Israel in His holy care.
Verse 3
Jehovah is Himself thy keeper true, Thy changeless shade. Jehovah thy defense on thy right And Himself hath made. And thee no sun by day shall ever smite, No moon shall harm thee in the silent night.
Verse 4
From every evil shall He keep thy soul, From every sin; Jehovah shall preserve thy going out, Thy coming in. Above thee watching, He whom we adore, Shall keep thee hence-forth, Yea forever more.