No. 104
Me Hwɛfo Bɛma M'Ahiade
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Me Hwɛfo bɛma m'ahiade, Yehowa ne Ne din; Ogyaw me kɔ 'didibea frɔmm Nsu a ɛho dwo ho. Ɔde me san ba trenee mu Sɛ mefom N'akwan a; Ne mmɔb'rɔhun nti, Ogyaw me Kɔ nokware kwan so.
Verse 2
Sɛ menam 'wu sunsuma mu a Woka me ho wɔ hɔ; Wo home mu asɛm biako Pam me suro nyinaa. Wode Wo nsa siesie ɔpon Ma me, m'atamfo anim; Me nhy'ra k'ruwa yɛ ma bu so, Wode ngo fɔ me t'rim.
Verse 3
Nnepá a me Nyame asiesie Di m'akyi, me nna ny'naa; O' ma Wo fie nyɛ me atrae, Na minyi W'ayɛ daa. Ɛhɔ na menya home pa B're a 'binom kɔ ba no; Merenyɛ ɔhɔho bi bio, Na mmom sɛ 'ba wɔ fie.
English Lyrics
Verse 1
My Shepherd will supply my need, Jehovah in His name. In pastures fresh He makes me feed Beside the living stream. He brings my wand'ring spirit back When I forsake His eyes, And lead me, for His mercy's sake, In path of truth and grace.
Verse 2
When I walk through shades of death, Thy presence is my stay; A word of Thy supporting breathDrives all my fear away. Thy hand in sight of all my foes Doth still my table spread; My cup with blessings overflows, Thine oil anoint my head.
Verse 3
The sure provision of my God Attend me all my day; O may Thy house be mine above And all my work be praise. There would I find a settled rest While others go and come; No more a stranger or guest, But like a child at home.