No. 113
Sɛnea 'Frote P'Re Hwehwɛ Nsu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɛnea 'f'rote p're hwehwɛ nsu Bre` a wɔrepam no no; Sɛ me kra hwehwɛ Wo Nyame, Ne W'adɔe nso ne no.
Verse 2
Me Nyame` a Wote ase daa, Me kra b'rɛfo hia Wo; O da bɛn na mehu W'anim, Wo Tweaduampɔn Nyame.
Verse 3
Me kra, dɛn nti na woaboto? Nya 'nidaso na to Wo Nyankopɔn ayeyi dwom - W'ahoɔden nsuti no.
Verse 4
Agya, Ɔba, Honhom Kronkron, Nyame a yɛsom No; Anuonyam nka Wo fi seesei De kosi afebɔɔ.
English Lyrics
Verse 1
As pants the hart for cooling streams When heated in the chase, So longs my soul, O God, for Thee, And Thy refreshing grace.
Verse 2
For Thee, my God, the living God, My thirsty soul doth pine: O when shall I behold Thy face, Thou Majesty divine?
Verse 3
Why restless, why cast down, my soul? Hope still, and thou shalt sing The praise of Him who is Thy God, Thy health's eternal spring.
Verse 4
To Father, Son, and Holy Ghost, Then God whom we adore, Be glory, as it was, is now, And shall be evermore.