No. 114
Onyankopɔn Adɔe Mu Trɛw
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Onyankopɔn adɔe mu trɛw, Emu trɛw te sɛ ɛpo, Ayamye wɔ N'atemmu mu, Na ɛkyɛn ahofadi.
Verse 2
Wɔma 'debɔnyɛni 'kwaaba, 'Papafo nya ɔdom pii; Adɔe wɔ Agyenkwa no hɔ, 'Yar'sa wɔ Ne mogya nom'.
Verse 3
Onyankopɔn dɔ no mu bae Sen nipa` adwen susubea; Tetekwaframoa no komam' Wɔ 'yamyɛ` a ɛyɛ nwanwa.
Verse 4
Sɛ yɛn dɔ turodoo a, Yɛrennye N'asɛm ho 'kyim; Na yɛn bra mu bɛhyerɛn hann Wɔ yɛn 'W'rade 'hoɔfɛ mu.
English Lyrics
Verse 1
There's a wideness in God's mercy, Like the wideness of the sea; There's a kindness in His justice, Which is more than liberty.
Verse 2
There is welcome for the sinner, And more graces for the good; There is mercy with the Savior; There is healing in His blood.
Verse 3
For the love of God is broader Than the measure of man's mind; And the heart of the Eternal Is most wonderfully kind.
Verse 4
If our love were but more simple, We should take Him at His word; And our lives would be all sunshine In the sweetness of our Lord.