No. 115
O Bra, O Bra Immanuel
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
O bra, O bra Immanuel, Na bɛpɔn Israel nneduafo A wɔresu nnommumfam' ha, Kosi sɛ Nyame Ba bepue.
Chorus
Di dɛ, di dɛ, Immanuel Bɛba wo nkyɛn, O Israel!
Verse 2
O bra, Wo ɔsoro nyansa, Bɛtoto nneɛma nyinaa yie; Bɛkerɛ yɛn nimdeɛ kwan no, Na ma yɛmfa dɛw nnante so.
Verse 3
O bra, aman anidaso, Na bɛka nnipa nyinaa bom; Ma nitan ne ɔko to ntwa. Fa s'ro 'somdwoe hyɛ wiase ma.
English Lyrics
Verse 1
O come, O come, Immanuel, And ransom captive Israel That mourns in lonely exile here Until the Son of God appear,
Chorus
Rejoice! Rejoice! Immanuel Shall come to thee, O Israel
Verse 2
O come, Thou Wisdom from on high, And order all things far and nigh; To us the path of knowledge show, And cause us in her ways to go.
Verse 3
O come, Desire of nations, bind All peoples in one heart and mind; Bid envy, strife, and quarrels cease; Fill the whole world with heaven's peace.