No. 139
A Nadwo Bi A Nguanhwɛfo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Anadwo bi a nguanhwɛfo Te hɔ rewɛn wɔn nguan; Aw'rade bɔfo fi s'ro bae, Na hann hy'rɛn hɔ nyinaa.
Verse 2
Ehua kɛse kaa wɔn enti Ɔsee wɔn sɛ: 'Munnsu`ro! Mede 'nigye kɛse nsɛmpa Brɛ mo ne amansan'.
Verse 3
'Wɔawo Dawid aseni nnɛ Ama mo Dawid k'rom, 'Gyenkwa a Ɔne Kristo no, Ɛho nsɛnky'rɛnne ni:
Verse 4
'Mubehu s'ro Akokoaa no Sɛ Wabɛfra nnipam'; Wɔde ntama akyeky're No Da mmoa 'didide mu'.
Verse 5
'Bɔfo no asɛm ni; mpof'rim S'ro asafo pii bae, Beyii s'ro Nyankopɔn ayɛ Na wɔtoo dwom kae sɛ:
Verse 6
'Anuonyam nka Nyame wɔ s'ro, 'Somdwoe wɔ 'sase so; Anisɔ fi s'ro ba nnipam' Fi nnɛ kosi daa daa'.
English Lyrics
Verse 1
While shepherds watched their flocks by night, All seated on the ground, The angel of the Lord came down, And glory shone around.
Verse 2
'Fear not!' said he– for mighty dread Had seized their troubled mind– 'Glad tidings of great joy I bring, To you and all mankind.
Verse 3
'To you in David's town this day, Is born of David's line, The Savior who is Christ the Lord; And this shall be the sign:
Verse 4
'The heavenly Babe you there shall find To human view displayed, All meanly wrapped in swathing bands, And in a manger laid.'
Verse 5
Thus spake the seraph; and forth-with Appeared a shining throng Of angels praising God on high, Who thus addressed their song:
Verse 6
'All glory be to God on high, And to the earth be peace; Good will henceforth from heaven to men,Begin and never cease!'