No. 140
Wugyaw W'Ahengua No Ne
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wugyaw W'ahengua no ne W'ahenkyɛw no. B're a me nti Wobaa wiase; Nanso Betlehem k'rom wɔannya dabea pa Amma saa W'awo kronkron no. O bra me komam, 'W'ra Yesu, Dabea wɔ me komam ma Wo.
Verse 2
Soro 'pon wosoe, b're a 'bɔfo too dwom De kamfoo W'adehyedi no; Nanso akoa tebeam na Wobaa fam ha, Wɔ ahobrɛase kɛse mu. O bra me komam, 'W'ra Yesu, Dabea wɔ me komam ma Wo.
Verse 3
'Sakraman wɔ atu, nnomaa wɔ mm'rebuw Wɔ kwae mu nnua kusuu no mu, Nanso Wo Nyame Ba, Wodaa mmoa 'duan so Wɔ Galilea sare no so. O bra me komam, 'W'ra Yesu, Dabea wɔ me komam ma Wo.
Verse 4
Awurade, Wode nkwasɛm a ɛma Faw'hodi na ɛbrɛɛ Wo mam; Nanso wodii Wo fɛw de nsɔekyɛ hyɛɛ Wo Twee Wo ase kɔɔ Kalbre so. O bra me komam, 'W'ra Yesu, Dabea wɔ me komam ma Wo.
Verse 5
B're a s'ro bɛwoso na 'bɔfo to dwom Wɔ Wo nkonimdi mmae mu no, Ma Wo nne no mfrɛ me mmra ofie nka sɛ: Ɔkwan wɔ Me nkyɛn ha ma wo. Me koma bedi dɛw, 'Wura, B're a Wobɛba 'bɛfrɛm' no.
English Lyrics
Verse 1
Thou dist leave Thy throne And Thy kingly crown When Thou camest to earth for me; But in Bethlehem's home Was there found no room For Thy holy nativity. O come to my heart, Lord Jesus, There is room in my heart for Thee
Verse 2
Heaven's arches rang When the angels sang Proclaiming Thy royal degree; But of lowly birth Didst Thou come to earth, And in greatest humility O come to my heart, Lord Jesus, There is room in my heart for Thee
Verse 3
The foxes found rest,And the birds their nest In the shade of the forest tree; But Thy couch was the sod, O Thou Son of God, In the deserts of Galilee. O come to my heart, Lord Jesus, There is room in my heart for Thee
Verse 4
Thou camest, O Lord, With the living word That should set Thy people free; But with mocking scorn, And with crown of thorn, They bore Thee to Calvary. O come to my heart, Lord Jesus, There is room in my heart for Thee
Verse 5
When the heavens shall ring, And the angels sing, At Thy coming to victory, Let Thy voice call me home, Saying, 'Yet there is room, There is room at My side for thee.' My heart shall rejoice, Lord Jesus, When Thou comest and callest for me.