No. 147
Kristo Gyina Bepɔ So
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Kristo gyina bepɔ so, Anuonyam hann twa Ne ho hyia; Momma yɛne 'hotefo Ne abɔfo nyi No ayɛ: Haleluya, Haleluya, Haleluya.
Verse 2
Yɛde 'hopopo huu sɛ Mose ne Elia rekasa: 'Diyifo ne mm'ra no ny'naa Nam wɔn so ky'rɛ wɔn anigye: Haleluya, Haleluya, Haleluya.
Verse 3
'Nuonyam munumkum no bae; Nyankopɔn fi ahum no mu Bɔɔ yesu din sɛ Ne Ba; Na aman team ahodw'ri mu! Haleluya, Haleluya, Haleluya.
Verse 4
'Yi ne Nyame dɔ Ba no: mm'ra ne 'diyifo y'ra N'anim; 'Dikanfo ne awiei no, Ma abɔde ny'naa nkamfo No; Haleluya, Haleluya, Haleluya.
English Lyrics
Verse 1
Christ upon the mountain peak Stands alone in glory blazing; Let us, if we dare to speak, With the saints and angels praise Him: Alleluia, Alleluia, Alleluia
Verse 2
Trembling at His feet we saw Moses and Elijah speaking All the prophets and the law Shout thro' them their joyful greeting: Alleluia, Alleluia, Alleluia
Verse 3
Swift the cloud of glory came, God proclaiming in the thunder Jesus as His Son by name; Nations cry aloud in wonder Alleluia, Alleluia, Alleluia
Verse 4
This is God's beloved Son: Law and prophets fade before Him; First and last, the only One, Let creation now adore Him. Alleluia, Alleluia, Alleluia