No. 148
Dɔ A Emu Trɛw Na Ɛk'Rɔn
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
'Dɔ a emu trɛw na ɛk'rɔn Na ɛtra adwen nyinaa ni: Sɛ Nyankopɔn Ba no bɛfaa Yɛn nipasu too Né ho so.
Verse 2
Yɛn nti na wɔbɔɔ No asu, Na Odii mmuada kronkron no; Yɛn nti na Ohyiaa sɔhwɛ pii, Na Odii sɔhwɛfo no so.
Verse 3
Wɔde t'rimmɔden yii No mae, Yɛn nti na wɔhyɛɛ No nsɔekyɛw; Na ɔsoaa 'nimguase 'sɛnnua; Yɛn nti, Ogyaee Ne home mu.
Verse 4
Yɛn nti na Onyan fii 'wu mu, Na Ɔf'ro kɔɔ s'ro kodii hen'; Yɛn nti Ɔsomaa Ne honhom Sɛ Ɔnky'rɛ yɛn kwan, nhyɛ yɛn den.
Verse 5
Anuonyam nka yɛn Aw'rade, Wɔ ɔdɔ a ɛk'rɔn no nti; Baasakoro a yɛsom Wo Wɔ mfesanten ne mm'resanten.
English Lyrics
Verse 1
O love, how deep how broad, how high, Beyond all thought and fantasy, That God, the Son of God, should take Our mortal form for mortal’s sake!
Verse 2
For us baptized, for us He bore His Holy fast and hungered sore; For us temptation sharp He knew; For us the tempter over threw.
Verse 3
For us by wickedness betrayed, For us, in crown of thorns arrayed, He bore the shameful cross and death; For us He gave His dying breath.
Verse 4
For us He rose from death again, For us He went on high to reign; For us He sent His Spirit here To guide, to strengthen, and to cheer.
Verse 5
All glory to Lord and God For love so deep, so high, so broad; The Trinity whom we adore Forever and forevermore