No. 163
So Wohwiee M'Agyenkwa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
So wohwiee m'Agyenkwa mogya? Na me Hene no wui? So Ɔde Ne ti kronkron no Ba bɛgyee me sɛɛ yi?
Chorus
Dua no ho, dua no ho, 'Hɔ na mihuu hann no, Na me komam adesoa no te hwee; Hɔ na menam gyidi so huu ade, Na ɛnnɛ m'ani gye daa nyinaa.
Verse 2
So me bɔne nti na Ɔhuu Amane dua no so? Mmɔb'rɔhun' bɛn ni! 'dom nwanwa, 'Dɔ a enni kabea!
Verse 3
'W'rɛhow biara rentumi ntua 'Dɔ ka a mede no; 'W'ra, mede me ho ny'naa ma Wo, Nea metum' ayɛ ni!
English Lyrics
Verse 1
Alas! and did my Savior bleed, And did my Sovereign die? Would he devote that sacred head For sinners such as I?
Chorus
At the cross, at the cross, Where I first saw the light, And the burden of my heart rolled away; It was there by faith I received my sight, And now I am happy all the day!
Verse 2
Was it for crimes that I have done, He suffered on the tree? Amazing pity! Grace unknown! And love beyond degree!
Verse 3
But drops of grief can ne'er repay The debt of love I owe: Here, Lord, I give myself away; 'Tis all that I can do!