No. 185
Yesu Ne Me Wiase Nyinaa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu ne me wiase nyinaa, Me nkwa m'ade nyinaa, Ɔne me daa daa ahoɔden; Migyaw No` a mehwe` ase Me w'rɛ how a, mekɔ Ne nkyɛn, Obi nkyekye me werɛ saa; Me w'rɛ how a Ɔgye m'ani, M'adamfo.
Verse 2
Yesu ne me wiase nyinaa, Me sɔhwɛ mu yɔnko, Mekɔsrɛ Ne hɔ n-hyira, Ɔma ma ebu so; Ɔde awia ne n-su ma, Ɔde awi nnɔbae nso ma; Awia, n-su, awi nnɔbae, M'adamfo.
Verse 3
Yesu ne me wiase nyinaa Medi No nokware; O, mɛyɛ dɛn apo Damfo'i, B're a Odim' nokwar yi? Midi N'akyi a, eye ma me, Ɔwɛn me awia ne 'nadwo; Midi N'akyi 'wia ne 'nadwo, M'adamfo.
Verse 4
Yesu ne me wiase nyinaa, Mempɛ yɔnko biara; Metwer' No nnɛ, na mɛtwer' No, B're a nkwa nna'I betwam; Me ne Damfo'i tra bɛyɛ fɛ; N-kwa a ɛto rentwa da, Daapem n-kwa, daa anigye, M'adamfo.
English Lyrics
Verse 1
Jesus is all the world to me, My life, my joy, my all; He is my strength from day to day, Without him I would fall. When I am sad, to Him I go, No other one can cheer me so; When I am sad, He makes me glad, He's my friend.
Verse 2
Jesus is all the world to me, My friend in trials sore; I go to Him for blessings, and He gives them o'er and o'er. He sends the sunshine and the rain, He sends the harvest's golden grain; Sunshine and rain, harvest of grain, He's my friend.
Verse 3
Jesus is all the world to me, And true to Him I'll be; O how could I this friend deny, When he's so true to me? Following Him I know I'm right, He watches o'er me day and night; Following him by day and night, He's my friend.
Verse 4
Jesus is all the world to me, I want no better friend; I trust Him now, I'll trust Him when Life's fleeting days shall end. Beautiful life with such a friend, Beautiful life that has no end; Eternal life,
Chorus
eternal joy, He's my friend.