No. 186
Mahu Yɔnko, O Yɔnko Bi
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi, Odii kan dɔɔ me ansa; Ɔde ɔdɔ hama twee me, De me kyekyeree No ho, Wakyeky're me koma den a, Ɛpɔw no rentum' nsan da; Meyɛ Ne de, n'Ɔyɛ me de, Kosi daa ne afebɔɔ.
Verse 2
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi, Ohwiee mogya, wu gyee me; Nyɛ nkwa ho akyɛde no nko, Ɔde Ne ho nso maa me; Memfrɛ b'ribiara sɛ me de, Na mmom Ɔdɛɛfo no de; M'ahoɔden, koma, ne me nkwa Yɛ Ne de, Ne de daa daa.
Verse 3
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi, Wɔde tum' ny'naa ama No; S'Ɔmfa nwɛn me m'akwantu yim' Mfa me nkodu s'ro dwoodwoo; Daa 'nuonyam no hyerɛn nohoa, Hyɛ me mmɔden mm'rɛw no den; Seesei merewɛn! Mereko, Na aky'ri mahome daa.
Verse 4
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi, Ɔdɛɛfo ne nokw?fo, Ɔfotufo pa Kwanky'rɛfo, Ɔgyefo, Tumfo kɛse; Dɛn n'ebetumi atetew Me ne me dɔfo no ntam? Nkwa? Owu? Asaman ana? Dabi; meyɛ Ne de daa.
English Lyrics
Verse 1
I've found a Friend; oh, such a Friend! He loved me ere I knew Him; He drew me with the cords of love, And thus He bound me to Him. And 'round my heart still closely twine Those ties which nought can sever, For I am His, and He is mine, Forever and forever.
Verse 2
I've found a Friend; oh, such a Friend! He bled, He died to save me; And not alone the gift of life, But His own self He gave me. Nought that I have my own I call, I hold it for the Giver; My heart, my strength, my life my all, Are His, and His forever.
Verse 3
I've found a Friend; oh, such a Friend! All power to Him is given; To guard me on my upward course, And bring me safe to heaven. The eternal glories gleam afar, To nerve my faint endeavor; So now to watch, to work, to war, And then to rest forever.
Verse 4
I've found a Friend; oh, such a Friend! So kind, and true, and tender, So wise a counselor and guide, So mighty a defender. From Him, who loveth me so well, What power my soul can sever? Shall life or death, or earth, or hell? No; I am His forever.