No. 209
Anuonyam Da No Reba
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Anuonyam da no reba, Na dɔn no reba ntɛm; Ne hann fɛfɛ no rebɛn, Ɛhyerɛn sen owia; Ɔs'ro mununkum mu na Agyenkwa no bepue, Abɛboaboa N'aponfo Ano de wɔn akɔ.
Verse 2
'Hotefo nkonimdifo Behyia wɔn Aw'rade, Na 'nuonyam asase no Bɛyɛ wɔn akatua; Nyame a Odi hen' no Bɛpopa nusu ny'naa; Esum bi rentra hɔ bio Ɛbɛyɛ daa 'dekyee.
Verse 3
Kristoni, nyan fi nna mu, Ma wo dɔ nyɛ kase; Wɛn bɔ mpae di nokware, T'robɛnto no bebom; Bɔn'yɛfo, tie kɔkɔbɔ 'I, Guan kɔ Kristo nkyɛn ntɛm; Na nhyira anɔpa no Woakohyia No wɔ wim.
English Lyrics
Verse 1
That glorious day is coming, The hour is hastening on; Its radiant light is nearing, Far brighter than the sun; In yonder clouds of heaven, The Savior will appear, And gather all His chosen, To meet Him in the air.
Verse 2
The saints, then all victorious Will go to meet their Lord; An earth both bright and glorious, Will then be their reward; And God Himself there reigning, Will wipe all tears away; Nor clouds nor night remaining, But one eternal day.
Verse 3
O Christian, keep from sleeping, And let your love abound; Be watchful, prayerful, faithful, The trumpet soon will sound! O sinner, hear the warning! To Jesus quickly fly! Then you, in that blest morning, May meet Him in the sky!