No. 210
Munnyan Na 'Nadwo Retwam Ntɛm
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Munnyan na 'nadwo retwam ntɛm, Awɛmfo a wɔwɔ s'ro reteam; Munnyan, Yerusalem, monsɔr'! Ɔdasum dɔn no rebɔ brɛoo, Ne teaseɛnam nan rewoso ba; Mo mmaabun mmadwemma, monwɛn, Momfa ɔpɛ nsɔre Monkohyia 'Yef'rokun'; Haleluya! Momfa mo 'kanea mfa sum nom', Monyɛ ntɛm nkɔfra dɔm no mu.
Verse 2
Sion te awɛmfo no dwom, Ne koma de anigye woso. Onyan, sɔre fi 'w'rɛhow mu, N'ayef'rokun' ba 'nuonyam mu, Ɔde dom adi nim nokwar' mu; Ns'romma no apue, hann aba. Mommɔ 'se mma 'W'rade, Yɛn 'henkyɛw, yɛn 'katua; Haleluya! Yɛde nnwom nante hare so Kɔfra 'yef'rodɔm nom' 'nigyem.
Verse 3
Nyame Guammaa, ɔs'ro som Wo, Nnipa ne 'bɔfo to dwom W'anim, Nsankuw ne akasa nne mu; Yegyina 'bohemma 'pon ho, Yɛma yɛn nne so tea mu dennen Twa W'ahengua hyɛnhyɛn ho hyia; Aniwa biara nhui, Na aso biara ntee 'Nigye sei da; Yɛma dwom so 'dɔm kɛse mu, De yi W'ayɛ nna santen ny'naa.
English Lyrics
Verse 1
Wake, awake, for night is flying, The watchmen on the heights are crying, Awake, Jerusalem, arise! Midnight's solemn hour is tolling, His chariot wheels are nearer rolling, He comes; prepare, ye virgins wise. Rise up with willing feet Go forth, the Bridegroom meet; Alleluia! Bear through the night your well-trimmed light, Speed forth to join the marriage rite.
Verse 2
Zion hears the watchmen singing, Her heart with deep delight is springing, She wakes, she rises from her gloom; Forth her Bridegroom comes, all-glorious, In grace arrayed, by truth victorious; Her Star is risen, her Light is come! All hail, incarnate Lord, Our crown, and our reward! Alleluia! We haste along, in pomp and song, And gladsome join the marriage throng.
Verse 3
Lamb of God, the heavens adore Thee, And men and angels sing before Thee, With harp and cymbal's clearest tone. By the pearly gates in wonder We stand, and swell the voice of thunder, That echoes round Thy dazzling throne. No vision ever brought, No ear hath ever caught, Such bliss and joy; We raise the song, we swell the throng, To praise Thee ages all along.