No. 211
Hwe! Ɔreba Mununkum Mu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Hwɛ! Ɔreba mununkum mu, Wokum No maa bɔn'yɛfo; Abɔfo mpempem ka Ne ho, De ah'rusi di N'akyi; Haleluya! Haleluya! Yesu reba 'bedi Hen'.
Verse 2
Aniwa nyinaa behu No Wɔ N'anuonyam tumi mu; Wɔn a wobuu No animtia, Wɔtɔn No, bɔɔ No 'sɛnnuam' Besu dennen bre` a wobehu Mesaia Nokwafo no.
Verse 3
Sɛ wɔhyɛn t'robɛnto no a S'ro ne fam beguan akɔ; N'atamfo nyinaa bɛbɔ hu B're` a wɔbɛte nne bi sɛ: Mommra 'temmum', mommra 'temmum' Mommra 'temmum', mumfi mm'ra.
Verse 4
Yiw, amen! Ma obiara nsom Wo` a Wote daa 'hengua so! 'Gyenkwa, fa 'nuonyam ne tumi Ma W'atɛntrenee nna adi; O bra ntɛmntɛm, O bra ntɛmntɛm Bɛfa 'henni yɛ Wo de.
English Lyrics
Verse 1
Lo! He comes with clouds descending, Once for favored sinners slain; Countless angels, Him attending, Swell the triumph of His train: Hallelujah! Hallelujah! Jesus comes, and comes to reign
Verse 2
Every eye shall now behold Him Robed in dreadful majesty; Those who set at naught and sold Him, Pierced and nailed Him to the tree, Deeply wailing, deeply wailing, Shall the true Messiah see.
Verse 3
When the solemn trump has sounded, Heaven and earth shall flee away; All who hate Him, must, confounded, Hear the summons of that day–'Come to judgment! Come to judgment! Come to judgment! Come away!'
Verse 4
Yea, amen! let all adore Thee, High on Thy eternal throne; Savior, take the power and glory, Make Thy righteous sentence known; O come quickly! O come quickly! Claim the kingdom for Thine own!